Psalms 78

Onyankopɔn ne ne nkurɔfo

1Me nkurɔfo, muntie me nkyerɛkyerɛ na monyɛ aso mma asɛm a meka no.
2Mede abebu rebɛkyerɛ mo anwonwade a esii tete no mu;
3nneɛma a yɛate na yɛahu; nneɛma a yɛn agyanom kaa ho asɛm kyerɛɛ yɛn.
4Yɛremfa nkame yɛn mma; yɛbɛka Awurade tumideyɛ ne anwonwade a wayɛ akyerɛ nkyirimma.
5Ɔmaa Israelfo mmara na ɔde ahyɛde nso maa Yakob asefo.
Ɔka kyerɛɛ yɛn agyanom se wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma ne mmara no,
6sɛnea ɛbɛyɛ a nkyirimma besua na wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn mma.
7Ɛba saa a, wɔn nso de wɔn ho bɛto Onyankopɔn so, na ɛremma wɔn werɛ mfi nea wayɛ, na daa wobedi ne mmara no so.
8Wɔrenyɛ sɛ wɔn nenanom adɔnyɛfo ne asoɔdenfo a wɔn gyidi a na wɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu no antim da, nanso wɔantena ase sɛ nokwafo amma no.
9Efraimfo a wokitakita nnyan ne ne ntadua no guanee ɔko da no.
10Wɔanni wɔne Onyankopɔn apam no so; wɔampɛ sɛ wodi ne mmara no so.
11Wɔn werɛ fii anwonwade a wohui sɛ wayɛ no.
12Bere a na wɔn nenanom rehwɛ Onyankopɔn no, na ɔno nso reyɛ anwonwade wɔ Soan a ɛwɔ Misraim no.
13Ɔkyɛɛ ɛpo mu na ɔde wɔn faa mu.
Ɔmaa nsu no gyinae sɛ afasuw.
14Ɔnam omununkum mu dii wɔn anim awia ne anadwo, kanea gya mu.
15Ɔpaee ɔbotan mu wɔ bepɔw so, na onyaa nsu fii mu de maa wɔn.
16Ɔmaa asuwa bɛtɔɔ ɔbotan no mu maa nsu sen fii mu sɛ asuten.
17Nanso wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa Onyankopɔn na bepɔw no so, wɔsɔre tiaa ɔsorosoroni no.
18Wɔboapa bisaa aduan a wɔpɛ de sɔɔ Onyankopɔn hwɛe.
19Wɔkasa tiaa Onyankopɔn se, “Onyankopɔn betumi ama aduan wɔ sare so anaa?
20Ɛwom sɛ ɔbɔɔ ɔbotan mu maa nsu pii sen fii mu, na obetumi ama yɛn abodoo na wama ne nkurɔfo nam nso?”
21Enti Onyankopɔn tee no, ne bo fuwii, na ɔde ogya kɔɔ ne nkurɔkfo so, na nʼabufuw a ɛwɔ wɔn so no mu yɛɛ den
22efisɛ, na wonni ne mu gyidi sɛ obetumi agye wɔn nkwa.
23Nanso ɔkasa kyerɛɛ soro; ɔhyɛ maa nʼapon buei.
24Ɔtɔɔ mana ma wodii.
25Enti wodii abɔfo aduan, na Onyankopɔn maa wɔn nea ehia wɔn nyinaa.
26Bio, ɔmaa apuei mframa bɔe, na ne tumi mu, ɔhwanyanee anadwo mframa,
27na ɔmaa ne nkurɔfo nnomaa a wɔn dodow bɛyɛ sɛ mpoano anhwea.
28Wɔtetew guguu ntamadan no mu ne ho nyinaa.
29Enti nnipa we mee.
Onyankopɔn maa wɔn nea wɔhwehwɛ.
30Nanso, wɔn ani ansɔ nea wɔhwehwɛ no nyinaa ho a na wogu so didi
31bere a Onyankopɔn ani beree wɔn so na okum mmarima ahoɔdenfo a na wodi mu wɔ Israel no.
32Eyinom nyinaa akyi, na bɔne ara na nnipa no reyɛ; nʼanwonwade no nyinaa akyi, wɔamfa wɔn ho anto ne so.
33Enti otwaa wɔn nna so te sɛ ɔhome na wɔn nkwa yɛɛ sin prɛkopɛ.
34Bere biara a obekum wɔn mu bi no, nkae no dan ba ne nkyɛn; wɔbɛsesa abɔ no mpae dennen.
35Wɔkaee sɛ Onyankopɔn yɛ wɔn hwɛfo, na Otumfoɔ no bɛboa wɔn.
36Nanso na wɔn nsɛm no nyinaa yɛ atoro.
Nsɛm a wɔka no mu biara nyɛ nokware.
37Na wonni no nokware; na wonni wɔne nʼapam no nokware.
38Nanso na Onyankopɔn wɔ ahummɔbɔ ma ne nkurɔfo.
Ɔde wɔn bɔne kyɛɛ wɔn na wansɛe wɔn.
Mpɛn pii ɔkoraa nabufuw so na wanna nʼabufuw adi.
39Ɔkaee sɛ wɔyɛ adasamma te sɛ mframa a ɛbɔ na etwam no.
40Mpɛn ahe na wɔansɔre antia no wɔ sare so hɔ, na mpɛn ahe na wɔamma ne werɛ anhow!
41Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe adekyee ne adesae nam so de yaw brɛɛ Israel Nyankopɔn Kronkron no.
42Wɔn werɛ fii ne tumi kɛse no ne da a ogyee wɔn fii wɔn atamfo nsam,
43wɔ Soan tawtaw so a ɛwɔ Misraim no.
44Ɔmaa nsu dan mogya a na Misraimfo nnya nsu nnom.
45Ɔmaa nwansena baa wɔn so bɛhaw wɔn na mpɔtorɔ nso bɛsɛee wɔn asase.
46Ɔmaa mmoadabi bedii wɔn mfuduan de sɛee wɔn mfuw.
47Ɔde asukɔtweaa bɛsɛee wɔn bobe na ɔde sukyerɛmma sɛee wɔn ankye nnua.
48Ɔde asukɔtweaa kum wɔn anantwi ɛnna ɔde anyinam kum wɔn nguan.
49Ɔnam nʼabufuw a ano yɛ den a ɛbae te sɛ owu asomafo no maa ɔhaw kɛse baa wɔn so.
50Wamfa nʼabufuw ansie, na wamfa wɔn nkwa nso ankyɛ wɔn.
Mmom, ɔmaa ɔyaredɔm bekum wɔn.
51Okum Misraimfo mmakan nyinaa.
52Afei odii ne nkurɔfo anim te sɛ oguanhwɛfo de wɔn faa sare no so.
53Odii wɔn anim dwoodwoo, enti na wonsuro.
Nanso ɛpo asorɔkye bɛbɔ faa wɔn atamfo so.
54Ɔde wɔn baa nʼasase kronkron no ne mmepɔw a ɔko dii so no so.
55Ɔpamoo nnipa a na wɔte hɔ no de hɔ maa ne nkurɔfo.
Ɔkyekyɛɛ wɔn nsase no mu de maa Israel mmusuakuw no de wɔn afi maa ne nkurɔfo no.
56Nanso wɔsrɔre tiaa Onyankopɔn tumfoɔ sɔɔ no hwɛe.
Wɔanni ne mmara so.
57Na mmom, wɔsɔre tiaa no na wɔanni nokware sɛ wɔn agyanom, wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so a, ɛnyɛ ye te sɛ agyan a akyeakyea no.
58Wɔn abosonsom hyɛɛ no abufuw, na wɔn ahoni a na wɔsom no maa ne bo fuwii.
59Onyankopɔn hui no, ne bo fuwii enti ɔpoo ne nkurɔfo no koraa.
60Ogyaw ne ntamadan wɔ Silo, faako a na ɔte wɔ wɔn mu no.
61Ɔmaa yɛn atamfo faa Apam Adaka a ɛyɛ ne tumi ne nʼanuonyam agyiraehyɛde no.
62Ne bo fuwii ɔno ara ne nkurɔfo enti ɔmaa wɔn ara wɔn atamfo kunkum wɔn.
63Wokum mmerante wɔ ɔsa mu, enti na mmabaa nnya kunu nware.
64Asɔfo wuwui basabasayɛ mu na wɔamma wɔn akunafo no kwan amma wɔansu.
65Akyiri yi,
Awurade sɔree sɛnea ofi nna mu.
Na ɔte sɛ ɔhoɔdenfo a nsa ahyɛ no den.
66Odii wɔn so nea edi kan ne nea etwa to hyɛɛ wɔn aniwu, pamoo wɔn.
67Nanso ɔpoo Yosef asefo.
Efraim abusua nso, wamfa wɔn.
68Na mmom, oyii Yuda ne Sion Bepɔw a na ɔpɛ nʼasɛm no.
69Ɛhɔ na osii ne fi te sɛ ne soro fi.
Ɔyɛɛ no den te sɛ asase pɛ a etim hɔ daa.
70Oyii ne somfo Dawid a ɔfrɛɛ no fii nguan adidibea hɔ no;
71ɔno na ɔhwɛɛ ne nguan so na ɔyɛɛ no Israel hene ne Onyankopɔn nkurɔfo so oguanhwɛfo.
72Dawid de ne koma ne ne nyansa nyinaa hwɛɛ wɔn.
Copyright information for TwiNAK